Wikipedia twwiki https://tw.wikipedia.org/wiki/Kratafa_Titiriw MediaWiki 1.39.0-wmf.25 first-letter Media Soronko Nkitahode Dwumadini Dwumadini nkitahode Wikipedia Wikipedia nkitahode File File nkitahode MediaWiki MediaWiki nkitahode Nhwɛsoɔ Nhwɛsoɔ nkitahode Mmoa Mmoa nkitahode Nkyekyεmu Nkyekyεmu nkitahode TimedText TimedText talk Module Module talk Gadget Gadget talk Gadget definition Gadget definition talk Sampson Ottu Darkoh 0 11731 133446 123119 2022-08-17T15:31:20Z Robertjamal12 8680 Replaced content with "{{Dialect|Akuapem}} '''Sampson Ottu Darkoh''' yɛ [[Gaana|Ghana]] amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ga North abatow mpesua. [[Category:Ganafoɔ]] [[Category:Ghana amanyɔsɛm]] [[Category:Ateasefoɔ]]" wikitext text/x-wiki {{Dialect|Akuapem}} '''Sampson Ottu Darkoh''' yɛ [[Gaana|Ghana]] amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ga North abatow mpesua. [[Category:Ganafoɔ]] [[Category:Ghana amanyɔsɛm]] [[Category:Ateasefoɔ]] r9utd3x13s150929uz2feebjp1u9tgx 133447 133446 2022-08-17T15:31:34Z Robertjamal12 8680 wikitext text/x-wiki {{Dialect|Akuapem}} {{Infobox officeholder | name = | office = Member of parliament for Ga North constituency | honorific_prefix = Hon. | termstart = 07 January 1997 | termend = 6 January 2005 | nationality = [[Ghana]]{{flagicon|GHA}}&nbsp; | party = New Patriotic Party | successor = | predecessor = Marian Lartele Lartey | occupation = Politician }} '''Sampson Ottu Darkoh''' yɛ [[Gaana|Ghana]] amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ga North abatow mpesua. [[Category:Ganafoɔ]] [[Category:Ghana amanyɔsɛm]] [[Category:Ateasefoɔ]] 0muf3hipqi81jg2pb8e7yxwjkh6p5w5 133448 133447 2022-08-17T15:32:20Z Robertjamal12 8680 wikitext text/x-wiki {{Dialect|Akuapem}} {{Infobox officeholder | name = | office = Member of parliament for Ga North constituency | honorific_prefix = Hon. | termstart = 07 January 1997 | termend = 6 January 2005 | nationality = [[Ghana]]{{flagicon|GHA}}&nbsp; | party = New Patriotic Party | successor = | predecessor = Marian Lartele Lartey | occupation = Politician }} '''Sampson Ottu Darkoh''' yɛ [[Gaana|Ghana]] amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ga North abatow mpesua. [[Category:Ganafoɔ]] [[Category:Ghana amanyɔsɛm]] [[Category:Ateasefoɔ]] [[Nkyekyεmu:New Patriotic Party amanyɔfoɔ]] [[Nkyekyεmu:Ghana mmrahyɛbadwafoɔ 1997–2001]] [[Nkyekyεmu:Ghana mmrahyɛbadwafoɔ 2001–2005]] dfvi3gua15ngcmh525fbb7jhkfwkk0r 133449 133448 2022-08-17T15:32:54Z Robertjamal12 8680 wikitext text/x-wiki {{Dialect|Akuapem}} {{Infobox officeholder | name = | office = Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Ga North | honorific_prefix = Hon. | termstart = 07 January 1997 | termend = 6 January 2005 | nationality = [[Ghana]]{{flagicon|GHA}}&nbsp; | party = New Patriotic Party | successor = | predecessor = Marian Lartele Lartey | occupation = Politician }} '''Sampson Ottu Darkoh''' yɛ [[Gaana|Ghana]] amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ga North abatow mpesua. [[Category:Ganafoɔ]] [[Category:Ghana amanyɔsɛm]] [[Category:Ateasefoɔ]] [[Nkyekyεmu:New Patriotic Party amanyɔfoɔ]] [[Nkyekyεmu:Ghana mmrahyɛbadwafoɔ 1997–2001]] [[Nkyekyεmu:Ghana mmrahyɛbadwafoɔ 2001–2005]] exsw85cbrq9defs6ionutkzk7d3ilao WƆN A WƆGYEE ƆMAN GHANA SII HƆ DA (FOUNDERS DAY) 0 13661 133450 133193 2022-08-18T11:31:43Z Rsaawah 10269 wikitext text/x-wiki {{Dialect|Asante}} '''Wɔn a wɔgyee ɔman Ghana sii hɔ da (Founders' Day)''' yɛ ɔman no nnapɔnna bi a yɛyi asi hɔ a yɛde kae nnoɔma pa a nnipa atitire bi a wɔdii dwuma a ɛsom bo maa ɔman Ghana ne titire ne "Big Six"<ref>https://serval.unil.ch/resource/serval:BIB_A3A1C1F5427B.P001/REF.pdf</ref>a wɔko gyee ɔman Ghana mfahodie sii hɔ.<ref>https://www.officeholidays.com/holidays/ghana/founders-day</ref> Kane no, na edin a wɔde frɛ saa day yi ( The Founders' day) ne "''Founder's Day"'' a na atwerɛdeɛ "S" no ba ɔdedeɛ nsɛnkyerɛne <nowiki>''</nowiki> '''’''' <nowiki>''</nowiki> no akyi a na asekyerɛ ne sɛ ɛyɛ da wɔde di nipa baako bi a ɔdii akotene wɔ Ghana mfahodie gye mu na ɔyɛ Dr. [[Kwame Nkrumah]].<ref>https://doi.org/10.1093%2Fww%2F9780199540884.013.u158013</ref> Kwame Nkrumah yɛ Ghana manpanini na ɔdi kan, na na ɔka nnipa yɛfrɛ wɔn "Big Six" no ho. Yɛwoo no [[Ɛbɔ]] bosome da a ɛtɔ so aduonu baako, nti na wɔdi kane <nowiki>''</nowiki>Founder<nowiki>'s Day'' Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako afe biara de kae n'</nowiki>adwuma den a ɔyɛeɛ wɔ Ghana mfahodie gyee mu berɛ a aborofo (British Colony)<ref>https://doi.org/10.1017%2Fs0376892900010729</ref> no bɛdii nnɛ Ghana so no. Nnipa num a wɔka "Big Six<nowiki>''</nowiki> no ho ne: [[Edward Akufo-Addo]], Joseph Boakye Danquah, [[Emmanuel Obetsebi-Lamptey]], William Ofori Atta, ne Ebenezer Ako-Adjei. Berɛ a nnɛ ɔman Ghana manpanini Akufo Addo bɛyɛɛ ɔmanpanini no, ɔhunuu no sɛ ɛwɔ sɛ yɛde anideɛ soronko bi nso ma nnipa num na wɔka <nowiki>''</nowiki>Big Six<nowiki>''</nowiki> no ho a wɔfaa ateetee mu ɛnam mfahodie a na wɔrepre ama ɔman Ghana no. Wɔsesaa ''Founder's Day no bɛyɛɛ no Founders' Day.'' Asekyerɛ ne sɛ abɛyɛ dodoɔ kabea a nnipa num no ka ho.<ref>https://doi.org/10.4324%2F9781315213668-4</ref> == Abakɔsɛm == The Founders' Day ( deɛ na wɔtwerɛ no Founder's Day) yɛ nnapɔnna bi a yɛde no Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe baira mu wɔ Ghana de kae da a wowoo Ghana manpanini a odi kan,<ref>https://publicholidays.africa/ghana/kwame-nkrumah-memorial-day/</ref> Osagyefo Dr. Kwame Nkrumah ne adwuama den a nnipa akokodurufoɔ <nowiki>''</nowiki>Big Six<nowiki>''</nowiki> yɛɛyɛ de gyee mfahodie maa Ghana. Ɔmampanini [[Nana Addo Dankwa Akufo-Addo]]<ref>https://en.m.wikipedia.org/wiki/ISBN_(identifier)</ref> bɛyɛɛ ɔmampanini no, ɔyɛɛ sɛ ɔde Big Six nnipa num no a aka no bɛka Founders' Day nnapɔnna die no ho, nti ɔda saa tirimupɔ yi adi wɔ mmarahyɛbadwafie<ref>https://dailyguidenetwork.com/283102-2/</ref> sɛ [[Ayɛwohummumɔ|Ayɛwohomummɔ]] bosome da a ɛtɔ so nan(4) na ɛbɛyɛ saa dapɔnna yi da a wɔbɛ di no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ da wɔde di ankorɛankorɛ bi a wɔboa ma Ghana nyaa mfahodie da.<ref>https://doi.org/10.1093%2Foso%2F9780190864798.003.0013</ref> Ɔmampanini Nana Addo Dankwa Akufo-Addo san de too dwa sɛ [[Ɛbɔ]] bosome da a ɛtɔ so aduonu baako(21) no bɛyɛ da yɛde bɛkae Kwame Nkrumah awoda a yɛfrɛ no 'Kwame Nkrumah Memorial Day'.<ref>https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-renaming-of-Founder-s-Day-will-be-short-lived-CPP-582139</ref> Saa agyinatuo yi bɛtee <nowiki>''Founders' Day'' a ɛyɛ da yɛde kae ''Big Six'' no firii Osagye Dr. Kwame Nkrumah'</nowiki>s Memorial Day da no mu a ɛno nso yɛ da a yɛde kae Ghana mampanini a odi kan ne ɛko pa a ɔko de gyee mfahodie maa Ghana. Wɔ [[Ɔbɛnem]] bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunkron(2019) mu no, saa nnapɔnna yi nsesamu no baa mmara mu na [[Ayɛwohummumɔ|Ayɛwohomummɔ]] bosome da a ɛtɔ so nan(4) bɛyɛɛ <nowiki>''</nowiki>Founders' Day<nowiki>''</nowiki><ref>http://citifmonline.com/2017/09/founders-day-to-be-aug-4-sept-21-to-honour-nkrumahs-memory/</ref> a ɛne da wɔde tee Ghana amanyɔkuo a adi kan - United Gold Coast Convention (UGCC) a wɔtee no wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson mu(1947) sɛ, sɛ yɛfa no bosome ne da mu a.<ref>https://www.graphic.com.gh/news/politics/nkrumah-alone-did-not-compose-ghana-s-independence-prof-oquaye.html</ref><ref>https://www.officeholidays.com/holidays/ghana/founders-day</ref> Founders' Day bɛyɛɛ da a yɛde kae <nowiki>''</nowiki>Big Six<nowiki>''</nowiki> a wɔdii Ghana anim wɔ yɛn mfahodie gye mu na Kwame Nkrumah Memorial Day<ref>https://publicholidays.africa/ghana/kwame-nkrumah-memorial-day/</ref> nso bɛyɛɛ da a yɛde kae Osagyefo [[Kwame Nkrumah|Dr. Kwame Nkrumah]] awoda ne kuo a wɔgyee Ghana mfahodie mu sɛ wɔn panini.<ref>https://doi.org/10.2307%2Fj.ctv125jqp2.65</ref> == Da no so mfasoɔ == Founder's Day yɛ da a Ghanafoɔ nya akwanya de dwene dwene atuhoakyɛ dwuma a yɛn mpanimfoɔ yɛɛyɛ ne ko a wɔko de gyee mfahodie maa ɔman Ghana.<ref>https://doi.org/10.1093%2Fww%2F9780199540884.013.u12734</ref> Wɔ san so di dwuma ahodoɔ a ɛbɛhyɛ ɔman mma no nkuran ama wagye ɔman Ghana atum sɛ ɔman a wɔfiri mu.<ref>https://doi.org/10.1353%2Fghs.2015.0006</ref> Ɛsan so hyɛ ɔman mma nkuran sɛ wɔbɛyɛ adwuma den ama ɔman no atu mpɔn sɛdeɛ mpanimfoɔ a edii kan no yɛɛyɛ no.<ref>https://doi.org/10.2307%2Fj.ctt32b306.18</ref> == Dapɔnna no ntawantawa bi == [[National Democratic Congress (NDC)]] amanyɔkuo ne [[Convention People's Party (CPP)|Convention People's Party's]] [[CPP|(CPP)]] yɛɛ sɛ anka wɔnnye saa nnapɔnna yi nsesamu no ntum ɛfiri sɛ na wɔhunu no sɛ ɛnyɛ adea yɛde gyina hɔ kae abakɔsɛm bi na Akufo-Addo aban na wɔpɛ sɛ wɔsesa ɔman no abakɔsɛm twerɛ no foforɔ. Deɛ NDC foɔ no kyerɛ ne sɛ, Akufo-Addo na ɔpɛ sɛ ɔma ne wɔfa JB Danquah a na ɔyɛ United Gold Coast Convention (UGCC)amanyɔkuo no mu panini anideɛ bi, na amanyɔkuo no yɛ amanyɔkuo a Kwame Nkrumah firii mu kɔtee CPP ɛnam so maa no dii nkunim wɔ abatoɔ wɔtoo yɛ no mu maa no bɛyɛɛ Aban nnwumakuo mu panini ne Ghana mampanini a odi kan.<ref>https://citinewsroom.com/2019/08/ndc-will-reverse-4th-august-founders-day-celebration-otukonor/</ref> == Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ == deuoxr3mk4vvtl4q019blxfjgub4lfi